Psalms 144

Dawid de.


1 Nkamfo nka Awurade, me Botan,
nea ɔma me nsa akodi ho ntetewee,
ne me nsateaa ma ɔsa.

2 Ɔyɛ mʼadɔe Nyankopɔn ne mʼabandennen,
me bammɔ ne me gyefo,
me kyɛm a mewɔ guankɔbea wɔ no mu,
ɔno na ɔka nnipa hyɛ mʼase.


3 Awurade, hena ne onipa a wʼani ku no ho
onipa ba a wudwen ne ho yi?

4 Onipa te sɛ ɔhome;
ne nna te sɛ sunsuma a ɛretwa mu.


5 Awurade, fi ɔsoro hɔ na sian bra fam;
fa wo nsa ka mmepɔw, na emfi wusiw.

6 Soma anyinam na bɔ atamfo no hwete;
to wo mmɛmma no ma wonguan.

7 Teɛ wo nsa fi ɔsoro bra fam;
gye me na yi me
fi nsu akɛse ho,
fi ananafo nsam,

8 wɔn a atoro ayɛ wɔn anom ma,
na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.


9 Onyankopɔn, mɛto dwom foforo ama wo;
mɛto dwom wɔ sanku a ahama du gu so so ama wo,

10 ama Ɔbaako a ɔde nkonimdi ma ahemfo,
na ogye ne somfo Dawid fi afoawerɛmfo ano.


11 Gye me na yi me fi
ananafo nsam,
wɔn a atoro ayɛ wɔn anom ma
na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.


12 Afei yɛn mmabarima mmerantebere mu
bɛyɛ sɛ afifide a wɔahwɛ so yiye,
na yɛn mmabea bɛyɛ sɛ adum
a wɔasen de asiesie ahemfi.

13 Yɛn asan bɛyɛ amaama;
aduan ahorow biara bɛba so.
Yɛn nguan dodow so bɛto mpem mpem,
wɔn so bɛto mpem du du wɔ yɛn mfuw so;

14 yɛn anantwi bɛtwe nnesoa duruduru.
Wɔrennwiriw afasu,
yɛrenkɔ nkoasom mu,
na agyaadwotwa remma yɛn mmɔnten so.

15 Nhyira nka nnipa a ɛbɛba mu saa ama wɔn.
Nhyira nka nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Awurade.
Copyright information for TwiAKNA